Native Bible

Job 34:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’

Job 34:35 in English

Job 34:35 · Berean Standard Bible

‘Job speaks without knowledge; his words lack insight.’

Context

33Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka, wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa? Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me; enti ka deɛ wonim kyerɛ me. 34“Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka, animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me sɛ, 35‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’ 36Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ, ɛfiri sɛ ɔyiyii nsɛm ano sɛ omumuyɛfoɔ! 37Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho; ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.