Hiob 33:5
Job 33:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ; siesie wo ho, na ka si mʼanim.
Job 33:5 in English
Job 33:5 · Berean Standard Bible
Refute me if you can; prepare your case and confront me.
Context
3Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu;
na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim. 4Onyankopɔn Honhom na abɔ me;
Otumfoɔ no ahome ma me nkwa. 5Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ;
siesie wo ho, na ka si mʼanim. 6Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim;
me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu. 7Ɛnsɛ sɛ wosuro me,
na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.