Native Bible

Job 33:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu; na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim.

Job 33:3 in English

Job 33:3 · Berean Standard Bible

My words are from an upright heart, and my lips speak sincerely what I know.

Context

1“Na afei, Hiob, tie me nsɛm; yɛ aso ma biribiara a mɛka. 2Merebɛbue mʼano; me nsɛm aba me tɛkrɛma so. 3Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu; na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim. 4Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfoɔ no ahome ma me nkwa. 5Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ; siesie wo ho, na ka si mʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.