Native Bible

Job 33:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so, na ebia nnipa nte.

Job 33:14 in English

Job 33:14 · Berean Standard Bible

For God speaks in one way and in another, yet no one notices.

Context

12“Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani. 13Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa? 14Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so, na ebia nnipa nte. 15Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu, ɛberɛ a nna afa nnipa na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so, 16ɔtumi kasa gu wɔn asom na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.