Hiob 33:13
Job 33:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa?
Job 33:13 in English
Job 33:13 · Berean Standard Bible
Why do you complain to Him that He answers nothing a man asks? *
Context
11Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu;
na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’ 12“Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani. 13Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no
sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa? 14Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so,
na ebia nnipa nte. 15Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu,
ɛberɛ a nna afa nnipa
na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.