Native Bible

Job 32:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa; Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’

Job 32:13 in English

Job 32:13 · Berean Standard Bible

So do not claim, ‘We have found wisdom; let God, not man, refute him.’

Context

11Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa, metiee mo adwenkyerɛ; ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no, 12meyɛɛ aso maa mo pa ara, nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ; mo mu biara anyi nʼanosɛm ano. 13Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa; Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’ 14Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a, anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no. 15“Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio; mo nsɛm asa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.