Hiob 32:11
Job 32:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa, metiee mo adwenkyerɛ; ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no,
Job 32:11 in English
Job 32:11 · Berean Standard Bible
Indeed, I waited while you spoke; I listened to your reasoning; as you searched for words,
Context
9Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ,
ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase. 10“Enti mese: Montie me;
me nso mɛka mʼadwene. 11Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa,
metiee mo adwenkyerɛ;
ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no, 12meyɛɛ aso maa mo pa ara,
nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ;
mo mu biara anyi nʼanosɛm ano. 13Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa;
Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.