Hiob 32:14
Job 32:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a, anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no.
Job 32:14 in English
Job 32:14 · Berean Standard Bible
But Job has not directed his words against me, and I will not answer him with your arguments.
Context
12meyɛɛ aso maa mo pa ara,
nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ;
mo mu biara anyi nʼanosɛm ano. 13Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa;
Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’ 14Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a,
anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no. 15“Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio;
mo nsɛm asa. 16Ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ ɛberɛ a moayɛ komm yi,
saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.