Native Bible

Job 31:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn? Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu?

Job 31:15 in English

Job 31:15 · Berean Standard Bible

Did not He who made me in the womb also make them? Did not the same One form us in the womb?

Context

13“Sɛ mabu mʼasomfoɔ mmarima ne mmaa ntɛnkyea ɛberɛ a wɔ ne me nyaa asɛm, 14na sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a, ɛdeɛn na mɛyɛ? Sɛ wɔfrɛ me akontabuo a, mmuaeɛ bɛn na mɛma? 15Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn? Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu? 16“Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no? Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu? 17Mabɔ mʼaduane ho atirimuɔden a mamma nwisiaa bi?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.