Hiob 31:16
Job 31:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no? Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu?
Job 31:16 in English
Job 31:16 · Berean Standard Bible
If I have denied the desires of the poor or allowed the widow’s eyes to fail,
Context
14na sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a, ɛdeɛn na mɛyɛ?
Sɛ wɔfrɛ me akontabuo a, mmuaeɛ bɛn na mɛma? 15Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn?
Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu? 16“Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no?
Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu? 17Mabɔ mʼaduane ho atirimuɔden a
mamma nwisiaa bi? 18Dabi, ɛfiri me mmeranteberɛ mu, matete wɔn sɛdeɛ agya bɛyɛ,
na me nkwa nna nyinaa mu, mahwɛ akunafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.