Hiob 30:15
Job 30:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahunahuna ma me ho dwiri me; mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu, me banbɔ atu ayera sɛ omununkum.
Job 30:15 in English
Job 30:15 · Berean Standard Bible
Terrors are turned loose against me; they drive away my dignity as by the wind, and my prosperity has passed like a cloud.
Context
13Wɔsisi mʼakwan;
na wɔnya me sɛe me
na obiara mmoa me. 14Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu;
wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba. 15Ahunahuna ma me ho dwiri me;
mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu,
me banbɔ atu ayera sɛ omununkum. 16“Na seesei, me nkwa resa;
na amanehunu nna akyekyere me. 17Anadwo wowɔ me nnompe mu;
ɔyea a ɛwe me no nnyae.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.