Native Bible

Job 30:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na seesei, me nkwa resa; na amanehunu nna akyekyere me.

Job 30:16 in English

Job 30:16 · Berean Standard Bible

And now my soul is poured out within me; days of affliction grip me.

Context

14Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu; wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba. 15Ahunahuna ma me ho dwiri me; mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu, me banbɔ atu ayera sɛ omununkum. 16“Na seesei, me nkwa resa; na amanehunu nna akyekyere me. 17Anadwo wowɔ me nnompe mu; ɔyea a ɛwe me no nnyae. 18Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me; ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.