Hiob 30:10
Job 30:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim.
Job 30:10 in English
Job 30:10 · Berean Standard Bible
They abhor me and keep far from me; they do not hesitate to spit in my face.
Context
8Ekuo a wɔmfra na wɔnni din,
wɔpam wɔn firii asase no so. 9“Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia;
mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu. 10Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho;
wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim. 11Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,
wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim. 12Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so;
wɔsum me nan mfidie,
na wɔsisi apie tia me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.