Native Bible

Job 30:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim.

Job 30:11 in English

Job 30:11 · Berean Standard Bible

Because God has unstrung my bow and afflicted me, they have cast off restraint * in my presence.

Context

9“Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia; mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu. 10Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim. 11Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim. 12Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so; wɔsum me nan mfidie, na wɔsisi apie tia me. 13Wɔsisi mʼakwan; na wɔnya me sɛe me na obiara mmoa me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.