Hiob 3:22
Job 3:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie.
Job 3:22 in English
Job 3:22 · Berean Standard Bible
who rejoice and greatly exult when they can find the grave?
Context
20“Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann,
na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa? 21Wɔn kɔn dɔ owuo, nanso ɛmma.
Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ. 22Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye
na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie. 23Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a
ɔnni daakye,
deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu? 24Ahomekokoguo adane mʼaduane;
na mʼapinisie gu te sɛ nsuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.