Native Bible

Job 23:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

Job 23:13 in English

Job 23:13 · Berean Standard Bible

But He is unchangeable, and who can oppose Him? He does what He desires.

Context

11Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane. 12Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane. 13“Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. 14Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me; ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree. 15Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.