Native Bible

Job 23:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane.

Job 23:11 in English

Job 23:11 · Berean Standard Bible

My feet have followed in His tracks; I have kept His way without turning aside.

Context

9Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho. 10Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ. 11Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane. 12Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane. 13“Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.