Native Bible

Job 22:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?

Job 22:13 in English

Job 22:13 · Berean Standard Bible

Yet you say: ‘What does God know? Does He judge through thick darkness?

Context

11adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ, na asorɔkye akata wo so. 12“Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri? Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn! 13Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa? 14Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛn ɛberɛ a ɔnenam ɔsoro kɔntɔnkurowi mu.’ 15Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a abɔnefoɔ anante soɔ no so?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.