Native Bible

Job 22:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ, na asorɔkye akata wo so.

Job 22:11 in English

Job 22:11 · Berean Standard Bible

it is so dark you cannot see, and a flood of water covers you.

Context

9Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan na womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ. 10Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia, na amanehunu a ɛba ntɛm so abɔ wo hu yi, 11adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ, na asorɔkye akata wo so. 12“Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri? Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn! 13Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.