Native Bible

Job 21:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo; na emu mmotafowa no hurihuri.

Job 21:11 in English

Job 21:11 · Berean Standard Bible

They send forth their little ones like a flock; their children skip about,

Context

9Ɔhaw nni wɔn afie na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so. 10Wɔn anantwinini nyɛ akrawa; na wɔn anantwibereɛ wo a, wɔmpɔn. 11Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo; na emu mmotafowa no hurihuri. 12Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyegyeeɛ gye wɔn ani. 13Wɔdi yie wɔn nkwanna mu na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.