Native Bible

Job 20:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu.

Job 20:8 in English

Job 20:8 · Berean Standard Bible

He will fly away like a dream, never to be found; he will be chased away like a vision in the night.

Context

6Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro, na ne tiri kɔpem omununkum deɛ, 7nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’ 8Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu. 9Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio; na ne siberɛ nso renhunu no bio. 10Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.