Native Bible

Job 20:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’

Job 20:7 in English

Job 20:7 · Berean Standard Bible

he will perish forever, like his own dung; those who had seen him will ask, ‘Where is he?’

Context

5sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu, na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ. 6Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro, na ne tiri kɔpem omununkum deɛ, 7nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’ 8Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu. 9Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio; na ne siberɛ nso renhunu no bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.