Hiob 20:5
Job 20:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu, na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ.
Job 20:5 in English
Job 20:5 · Berean Standard Bible
the triumph of the wicked has been brief and the joy of the godless momentary?
Context
3Mate animka bi a ɛgu me ho fi,
na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua. 4“Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete,
ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so, 5sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu,
na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ. 6Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro,
na ne tiri kɔpem omununkum deɛ, 7nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan;
na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.