Native Bible

Job 13:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wode nkyehoma gu me nan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu.

Job 13:27 in English

Job 13:27 · Berean Standard Bible

You put my feet in the stocks and stand watch over all my paths; You set a limit for the soles of my feet.

Context

25Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa? Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa? 26Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me, na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so. 27Wode nkyehoma gu me nan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu. 28“Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ, te sɛ atadeɛ a nweweboa adie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.