Hiob 13:26
Job 13:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me, na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so.
Job 13:26 in English
Job 13:26 · Berean Standard Bible
For You record bitter accusations against me and bequeath to me the iniquities of my youth.
Context
24Adɛn enti na wode wʼanim asie me
na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ? 25Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa?
Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa? 26Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me,
na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so. 27Wode nkyehoma gu me nan;
wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yie
na wode ahyɛnsodeɛ ayeyɛ mʼanammɔn mu. 28“Enti onipa nkwa sa te sɛ biribi a aporɔ,
te sɛ atadeɛ a nweweboa adie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.