Native Bible

Job 13:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na wode wʼanim asie me na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ?

Job 13:24 in English

Job 13:24 · Berean Standard Bible

Why do You hide Your face and consider me as Your enemy?

Context

22Afei samena me na mɛba, anaa ma menkasa na bua me. 23Mfomsoɔ ne bɔne dodoɔ ahe na mayɛ? Kyerɛ me me mfomsoɔ ne me bɔne. 24Adɛn enti na wode wʼanim asie me na wodwene sɛ meyɛ wo ɔtamfoɔ? 25Wobɛyɛ ahahan a mframa rebɔ no ayayadeɛ anaa? Wobɛtaa ntɛtɛ a awoɔ anaa? 26Wotwerɛ soboɔ a ɛyɛ yea tia me, na woka me mmabunuberɛ mu bɔne nyinaa gu me so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.