Hiob 11:8
Job 11:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?
Job 11:8 in English
Job 11:8 · Berean Standard Bible
They are higher than the heavens—what can you do? They are deeper than Sheol—what can you know?
Context
6na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo,
ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu.
Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo. 7“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa?
Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa? 8Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?
Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu? 9Ne nsusuiɛ mu ware sene asase
na ɛtrɛ sene ɛpo. 10“Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan mu
ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.