Native Bible

Job 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo.

Job 11:6 in English

Job 11:6 · Berean Standard Bible

and disclose to you the secrets of wisdom, for true wisdom has two sides. Know then that God exacts from you less than your iniquity deserves.

Context

4Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’ 5Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo 6na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo. 7“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa? 8Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.