Yohane 9:14
John 9:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda.
John 9:14 in English
John 9:14 · Berean Standard Bible
Now the day on which Jesus had made the mud and opened his eyes was a Sabbath.
Context
12Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?”
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.” 13Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no. 14Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda. 15Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no. 16Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.”
Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.