Native Bible

John 9:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no.

John 9:15 in English

John 9:15 · Berean Standard Bible

So the Pharisees also asked him how he had received his sight. The man answered, “He put mud on my eyes, and I washed, and now I can see.”

Context

13Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no. 14Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda. 15Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no. 16Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu. 17Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.