Native Bible

John 5:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ.

John 5:42 in English

John 5:42 · Berean Standard Bible

but I know you, that you do not have the love of God within you.

Context

40Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa! 41“Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. 42Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ. 43Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no. 44Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.