Yohane 5:41
John 5:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam.
John 5:41 in English
John 5:41 · Berean Standard Bible
I do not accept glory from men,
Context
39Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! 40Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa! 41“Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. 42Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ. 43Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.