Yohane 5:39
John 5:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ!
John 5:39 in English
John 5:39 · Berean Standard Bible
You pore over the Scriptures because you presume that by them you possess eternal life. These are the very words that testify about Me,
Context
37Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ. 38Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni. 39Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! 40Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa! 41“Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.