Yohane 19:22
John 19:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
John 19:22 in English
John 19:22 · Berean Standard Bible
Pilate answered, “What I have written, I have written.”
Context
20Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ. 21Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, ‘Yudafoɔ ɔhene’ na mmom twerɛ sɛ, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa sɛ, mene Yudafoɔ ɔhene!’ ” 22Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.” 23Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ. 24Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.”
Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka sɛ,
“Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu,
bɔɔ so ntonto faeɛ” no bɛba mu.
Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.