Native Bible

John 14:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”

John 14:4 in English

John 14:4 · Berean Standard Bible

You know the way to the place where I am going.*”

Context

2Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. 3Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.” 5Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?” 6Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.