Native Bible

John 14:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?”

John 14:5 in English

John 14:5 · Berean Standard Bible

“Lord,” said Thomas, “we do not know where You are going, so how can we know the way?”

Context

3Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.” 5Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?” 6Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” 7Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.