Yohane 14:2
John 14:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.
John 14:2 in English
John 14:2 · Berean Standard Bible
In My Father’s house are many rooms. If it were not so, would I have told you that I am going there to prepare a place for you?*
Context
1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. 2Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. 3Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. 4Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.