Yohane 14:1
John 14:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni.
John 14:1 in English
John 14:1 · Berean Standard Bible
“Do not let your hearts be troubled. You believe in God;* believe in Me as well.
Context
1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. 2Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. 3Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.