Native Bible

John 12:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?”

John 12:5 in English

John 12:5 · Berean Standard Bible

“Why wasn’t this perfume sold for three hundred denarii * and the money given to the poor?”

Context

3Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa. 4Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho, 5enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?” 6Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi. 7Yesu kaa sɛ, “Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.