Yohane 1:20
John 1:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”
John 1:20 in English
John 1:20 · Berean Standard Bible
He did not refuse to confess, but openly declared, “I am not the Christ.”
Context
18Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no. 19Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?” 20Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.” 21Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?”
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.”
Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?”
Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”. 22Wɔsane bisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amaneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.