Native Bible

John 1:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?”

John 1:19 in English

John 1:19 · Berean Standard Bible

And this was John’s testimony when the Jews of Jerusalem sent priests and Levites to ask him, “Who are you?”

Context

17Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ. 18Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, deɛ ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no. 19Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?” 20Yohane antwentwɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.” 21Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?” Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.