Native Bible

Jeremiah 9:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ wɔ anweatam no so a, anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ na mafiri wɔn nkyɛn; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nnipa kuo a wɔnni nokorɛ.

Jeremiah 9:2 in English

Jeremiah 9:2 · Berean Standard Bible

If only I had a traveler’s lodge in the wilderness, I would abandon my people and depart from them, for they are all adulterers, a crowd of faithless people.

Context

1Ao, sɛ me etiri yɛ asutire, na mʼaniwa yɛ nisuo abura a, anka mɛsu awia ne anadwo ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no. 2Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ wɔ anweatam no so a, anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ na mafiri wɔn nkyɛn; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nnipa kuo a wɔnni nokorɛ. 3“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atorɔ; Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam di yie wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wɔnnye me nto mu,” Awurade na ɔseɛ. 4“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho; monnnye mo nuammarima mpo nni. Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ, na adamfo biara yɛ osekuni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.