Yeremia 9:4
Jeremiah 9:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho; monnnye mo nuammarima mpo nni. Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ, na adamfo biara yɛ osekuni.
Jeremiah 9:4 in English
Jeremiah 9:4 · Berean Standard Bible
“Let everyone guard against his neighbor; do not trust any brother, for every brother deals craftily, and every friend spreads slander.
Context
2Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ
wɔ anweatam no so a,
anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ
na mafiri wɔn nkyɛn;
ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,
nnipa kuo a wɔnni nokorɛ. 3“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma
te sɛ agyan de di atorɔ;
Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam
di yie wɔ asase yi so.
Wɔyɛ bɔne toatoa so;
na wɔnnye me nto mu,”
Awurade na ɔseɛ. 4“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho;
monnnye mo nuammarima mpo nni.
Ɛfiri sɛ onuabarima biara yɛ ɔdaadaafoɔ,
na adamfo biara yɛ osekuni. 5Adamfo daadaa adamfo,
na wɔn mu biara nka nokorɛ.
Wɔn tɛkrɛma akokwa atorodie mu,
na wɔde bɔneyɛ ha wɔn ho. 6Wote nnaadaa mfimfini;
na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wɔgye me to mu,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.