Yeremia 9:1
Jeremiah 9:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, sɛ me etiri yɛ asutire, na mʼaniwa yɛ nisuo abura a, anka mɛsu awia ne anadwo ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no.
Jeremiah 9:1 in English
Jeremiah 9:1 · Berean Standard Bible
Oh, that my head were a spring of water, and my eyes a fountain of tears! I would weep day and night over the slain daughter of my people.
Context
1Ao, sɛ me etiri yɛ asutire,
na mʼaniwa yɛ nisuo abura a,
anka mɛsu awia ne anadwo
ama me nkurɔfoɔ a wɔakunkum wɔn no. 2Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ
wɔ anweatam no so a,
anka mɛgya me nkurɔfoɔ hɔ
na mafiri wɔn nkyɛn;
ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,
nnipa kuo a wɔnni nokorɛ. 3“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma
te sɛ agyan de di atorɔ;
Ɛnyɛ nokorɛ so na wɔnam
di yie wɔ asase yi so.
Wɔyɛ bɔne toatoa so;
na wɔnnye me nto mu,”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.