Yeremia 6:4
Jeremiah 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monsiesie mo ho ne no nkɔko! Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ! Nanso, hwɛ, onwunu redwo, na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten.
Jeremiah 6:4 in English
Jeremiah 6:4 · Berean Standard Bible
‘Prepare for battle against her; rise up, let us attack at noon. Woe to us, for the daylight is fading; the evening shadows grow long.
Context
2Mɛsɛe Ɔbabaa Sion
ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no. 3Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ;
wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia
na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.” 4“Monsiesie mo ho ne no nkɔko!
Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ!
Nanso, hwɛ, onwunu redwo,
na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten. 5Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo
na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!” 6Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:
“Montwitwa nnua no ngu fam
na monsisi epie ntia Yerusalem.
Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;
nhyɛsoɔ ahyɛ no ma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.