Yeremia 6:28
Jeremiah 6:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den, wɔnenam di nsekuro. Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ; wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so.
Jeremiah 6:28 in English
Jeremiah 6:28 · Berean Standard Bible
All are hardened rebels, walking around as slanderers. They are bronze and iron; all of them are corrupt.
Context
26Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma
na mommunimuni nsõ mu.
Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ
sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ,
ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no
bɛba yɛn so. 27“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ
na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben,
a wobɛhwɛ wɔn
na woasɔ wɔn akwan ahwɛ. 28Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den,
wɔnenam di nsekuro.
Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ;
wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so. 29Afa no bɔ mframa denden
de ogya nane sumpii no,
nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa.
Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu. 30Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,
ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.