Native Bible

Jeremiah 6:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben, a wobɛhwɛ wɔn na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.

Jeremiah 6:27 in English

Jeremiah 6:27 · Berean Standard Bible

“I have appointed you to examine My people like ore,* so you may know and try their ways.

Context

25Mfiri adi nkɔ wiram na nnante akwan no so, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena, na baabiara ayɛ hu. 26Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma na mommunimuni nsõ mu. Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ, ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn so. 27“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben, a wobɛhwɛ wɔn na woasɔ wɔn akwan ahwɛ. 28Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den, wɔnenam di nsekuro. Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ; wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so. 29Afa no bɔ mframa denden de ogya nane sumpii no, nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa. Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.