Yeremia 6:25
Jeremiah 6:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mfiri adi nkɔ wiram na nnante akwan no so, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena, na baabiara ayɛ hu.
Jeremiah 6:25 in English
Jeremiah 6:25 · Berean Standard Bible
Do not go out to the fields; do not walk the road. For the enemy has a sword; terror is on every side.
Context
23Wɔkurakura bɛmma ne pea;
wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.
Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye.
Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,
wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.
Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.” 24Yɛate wɔn ho nsɛm,
na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu.
Ehu akyekyere yɛn
ɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ. 25Mfiri adi nkɔ wiram
na nnante akwan no so,
ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena,
na baabiara ayɛ hu. 26Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma
na mommunimuni nsõ mu.
Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ
sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ,
ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no
bɛba yɛn so. 27“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ
na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben,
a wobɛhwɛ wɔn
na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.