Yeremia 52:29
Jeremiah 52:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832;
Jeremiah 52:29 in English
Jeremiah 52:29 · Berean Standard Bible
in Nebuchadnezzar’s eighteenth year, 832 people from Jerusalem;
Context
27Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn.
Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so. 28Nnipa dodoɔ a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu nie:
nʼadedie afe a ɛtɔ so nson mu,
Yudafoɔ 3,023; 29Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu,
nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832; 30nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu,
ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu.
Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600. 31Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.