Yeremia 52:30
Jeremiah 52:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu. Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600.
Jeremiah 52:30 in English
Jeremiah 52:30 · Berean Standard Bible
in Nebuchadnezzar’s twenty-third year, Nebuzaradan captain of the guard carried away 745 Jews. So in all, 4,600 people were taken away.
Context
28Nnipa dodoɔ a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu nie:
nʼadedie afe a ɛtɔ so nson mu,
Yudafoɔ 3,023; 29Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu,
nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832; 30nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu,
ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu.
Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600. 31Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu. 32Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.